2 Mose 9:1-35, 2 Mose 10:1-29 ASCB

2 Mose 9:1-35

Nyɛmmoa Wuo

Awurade hyɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no pɛ sɛ wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no.” Sɛ wampene a, Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa. Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu.

Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa sɛ adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so. Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare. Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ sɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.

Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem wɔ Farao anim. Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”

Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri sɛ, na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

Asukɔtweaa

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu sɛ, Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa. Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa. Woayɛ kyɛnkyerɛnn wɔ me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ. Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano yɛ den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ. Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn kɔ adidi no mmra efie. Ɛfiri sɛ, asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa.”

Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie. Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn.

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so.” Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ. Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da. Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ. Baabi a ampariboɔ no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfoɔ no te hɔ.

Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so. Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”

Mose kaa sɛ, “Sɛ mefiri kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. Nanso, menim yie sɛ wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma.”

Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa. Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri sɛ, na ɛmfifiriɛ.

Enti Mose firii Farao anim wɔ kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee tɔ. Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu sɛ biribiara ayɛ yie wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so. Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.

Read More of 2 Mose 9

2 Mose 10:1-29

Ntutummɛ Dɔm Haw

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔbisa no deɛ mahyɛ sɛ ɔnyɛ mma wo no. Nanso, mapirim ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree akyerɛ wɔn ama wɔahunu me tumi. Na ɛnam so ma woatumi aka anwanwadeɛ a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo mmanananom. Ka sɛdeɛ memaa Misraimfoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ sɛ nkwaseafoɔ wɔ mʼanim no ne sɛdeɛ mema wɔhunuu sɛ mene Awurade no kyerɛ wɔn.”

Enti, Mose ne Aaron kɔhunuu Farao ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn se memmisa wo sɛ, ‘Nna dodoɔ sɛn na wopɛ sɛ wode bu me animtia? Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkɔsom me. Na sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma ntutummɛ aba wʼasase yi so. Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛsɛe biribiara a ɛkaeɛ a asukɔtweaa a ɛtɔeɛ no ansɛe no no nyinaa a wiram nnua nyinaa ka ho. Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’ ” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ.

Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ Farao asɛnniiɛ no bɛbisaa no sɛ, “Nkɔsi da bɛn na wobɛma saa ɔbarima yi afa yɛn nnommum? Wonhunuu sɛ Misraim nyinaa adane amamfo? Ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom Awurade wɔn Onyankopɔn!”

Enti, wɔsane de Mose ne Aaron baa Farao anim bio bɛbisaa Farao ɛkwan. Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, monkɔsom Awurade, mo Onyankopɔn no. Na ɛhefoɔ na mo ne wɔn bɛkɔ?”

Mose buaa Farao sɛ, “Yɛde mmɔfra ne mpanin, yɛn mmammarima, yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapadeɛ nyinaa na ɛbɛtu saa ɛkwan no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ Awurade afahyɛ no.”

Farao de abufuo buaa sɛ, “Sɛ mɛma mode mmɔfra nketewa yi kɔ a, ɛnneɛ Awurade ankasa nka mo ho. Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne. Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɛno na mobisaa me.” Farao pamoo wɔn firii nʼahemfie hɔ.

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ Misraim so na ntutummɛ mmɛkata asase no nyinaa so, na wɔnni biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no.”

Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa Awurade bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa. Ntutummɛ no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ntutummɛ mmaa ɔman no mu saa da na ebi nso remma saa bio. Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.

Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfoɔ kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade, mo Onyankopɔn no, ne mo nyinaa. Me nkotosrɛ a ɛdi akyire nie; momfa saa bɔne no nkyɛ me na monsrɛ Awurade mo Onyankopɔn sɛ ɔnyi owuo yi mfiri yɛn so.”

Enti, Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ Awurade. Awurade bɔɔ atɔeɛ fam mframa denden bi ma ɛpiaa ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ.

Esum Kabii Duru

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.” Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa. Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann.

Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom Awurade. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.”

Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade yɛn Onyankopɔn. Aboa tɔte koraa yɛrennya wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn no afɔdeɛ. Yɛnnim deɛ ɔbɛpɛ gye sɛ yɛduru hɔ.”

Nanso, Awurade pirim Farao akoma enti wamma wɔn ankɔ. Farao teateaa Mose sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm. Mma menhunu wo ha bio. Ɛda a wobɛba ha bio no, wobɛwu.”

Mose buaa sɛ, “Ɛyɛ, merenhunu wo bio.”

Read More of 2 Mose 10