2 Mose 35:1-35, 2 Mose 36:1-38 ASCB

2 Mose 35:1-35

Homeda Ho Mmara

Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu. Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.”

Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ nie. Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ Awurade:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ;

ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ ne

abirekyie nwi,

odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ,

okuo dua;

kanea ngo, ɔsra ngo;

nnuhwam a wɔhyeɛ;

aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu.

“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ Awurade aka no nyinaa te sɛ:

“Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ;

Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ,

Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo;

nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa,

nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano;

kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,

ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu,

adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano,

Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma,

asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.”

Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa. Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ Awurade. Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ Awurade. Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ. Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ. Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma. Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ. Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ. Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no.

Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.

Read More of 2 Mose 35

2 Mose 36:1-38

Adwumfoɔ a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn adom akyɛdeɛ no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.”

Enti, Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadie no sɛ wɔnhyɛ aseɛ. Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛeɛ no maa wɔn, na adekyeeɛ biara nso, na wɔnya akyɛdeɛ foforɔ. Akyire no, adwumayɛfoɔ no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen deɛ yɛhia.”

Enti, Mose somaa obi ma ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, afei deɛ, obiara mmɛkyɛ wɔn adeɛ bio. Na obiara amfa hwee amma bio. Ɛfiri sɛ, na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no die aboro so mpo.

Deɛ ɛdi ɛkan, Ahyiaeɛ Ntomadan no sie no, adenwonofoɔ pa ara no de asaawa a wɔafira yɛɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu. Nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia. Wɔkekaa ntoma bamma enum sisii animu nyaa nsɛnanotam baako. Ɛnna wɔkekaa ntoma bamma enum a aka no nso sisii animu nyaa nsɛnanotam foforɔ. Wɔde ntoma bibire bamma aduonum wurawuraa nsɛnanotam a wɔkeka sisii animu no mu biara ano a kantankorowa baako biara ne baako di nhwɛanimu. Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum de sosɔɔ nkantankorowa no mu maa nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no yɛɛ nsɛnanotam baako.

Wɔde ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi na ayɛ a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia kataa Ntomadan no so. Besaleel kekaa saa nkatasoɔ yi enum sisii animu ma ɛyɛɛ bamma tenten baako ɛnna ɔsane de afoforɔ nsia sisii animu maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. Afei, ɔbobɔɔ nkantankorowa aduonum wɔ emu biara ano ɛnna ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa nkantankorowa no, sɛdeɛ ɛbɛma nkataho no bɛkyere pintinn. Wɔsiesiee nneɛma ahodoɔ mmienu de kataa ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no yɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.

Wɔde okuo yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. Taaboo biara ɔsorokɔ no yɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. Nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ. Na Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafoɔ a wɔn ase sisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so. Nsisisoɔ no mmienu mmienu hyehyɛ taaboo biara ase. Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho a ɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so. Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na ɛtwa ho, ɛnna ne twɛtwɛwa biara so nso, ntaaboo mmienu sisi. Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam. Enti, ntaaboo nwɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.

Afei, ɔyɛɛ okuo nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum kɔ ntaaboo no fa baako. Wɔyɛɛ afoforɔ enum nso kɔɔ ɛfa baako. Na mmeamu nnua no enum nso bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no. Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu firi tire kɔkaa tire. Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa asosɔ mmeamu nnua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu nnua no nso ho.

Wɔde ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamutam wɔ Ntomadan no mu. Na wɔyɛɛ okuo nnua fadum ɛnan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsosɔmu ɛnan maa ntwamutam no. Na fadum ɛnan no mu biara si dwetɛ nnyinasoɔ ɛnan so. Afei, wɔyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatanimu. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibire ne koogyan adi mu adwini na ɛyɛeɛ. Wɔde nkɔtɔkorɔ enum na asosɔ saa nkatanimu yi de akyekyere nnua enum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne mpomma no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinasoɔ enum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛeɛ.

Read More of 2 Mose 36