2 Mose 17:1-16, 2 Mose 18:1-27 ASCB

2 Mose 17:1-16

Ɔbotan Mu Nsuo

Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ. Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!”

Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!”

Mose su frɛɛ Awurade sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ sɛ wɔsi me aboɔ.”

Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa Israelfoɔ mpanimfoɔ no bi ka wo ho na fa poma a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. Mɛhyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔ Horeb ho. Sɛ woduru hɔ a, fa wo poma no bɔ ɔbotan no mu sɛdeɛ wode bɔɔ Nil mu no na nsuo bɛfiri mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no wɔ Israel mpanimfoɔ no anim maa nsuo tue firii ɔbotan no mu. Enti, Mose too beaeɛ hɔ edin Masa a aseɛ ne Sɔhwɛbea ne Meriba a aseɛ ne Akyinnyegyebea ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Israelfoɔ ne Mose gyee akyinnyeɛ, sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, bisaa sɛ, “Awurade bɛhwɛ yɛn so anaasɛ ɔrenhwɛ yɛn so?”

Israelfoɔ Di Amalekfoɔ So Nkonim

Afei, akofoɔ a wɔfiri Amalek17.8 Amalekfoɔ no yɛ Esau nana barima asefoɔ, na wɔto hyɛ afoforɔ so fom wɔn nneɛma wɔ anweatam no so. bɛto hyɛɛ Israelfoɔ no so wɔ Refidim ne wɔn koeɛ. Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me.”

Enti, Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfoɔ akodɔm no ne wɔn koeɛ. Saa ɛberɛ no ara, Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔ no apampam pɛɛ. Mmerɛ dodoɔ a Mose kura poma no mu kyerɛ soro na Israelfoɔ no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ poma no ase a, na Amalekfoɔ no nso redi Israelfoɔ no so. Mose brɛeɛ a na ɔntumi mma poma no so bio enti Aaron ne Hur piree ɛboɔ bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wɔgyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa mmienu no so kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ. Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfoɔ no so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ yei ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua sɛ, mɛtɔre Amalekfoɔ nyinaa ase.”

Mose sii afɔrebukyia hɔ na ɔtoo no edin Awurade Nissi a aseɛ ne Awurade ne mʼakofrankaa. Mose kaa sɛ, “Ɛfiri sɛ wɔapagya wɔn nsa akyerɛ Awurade ahennwa enti, Awurade ne Amalekfoɔ bɛdi ako afiri awo ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”

Read More of 2 Mose 17

2 Mose 18:1-27

Yetro Afotuo

Ankyɛre biara na Mose ase, Midian ɔsɔfoɔ Yetro, tee anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Mose, ne sɛdeɛ Awurade ayi wɔn afiri Misraim asase so no.

Mose de ne yere Sipora kɔeɛ no, nʼase Yetro gyee no a na ne mmammarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no edin Gersom a ɔkyerɛ aseɛ sɛ, “Mabɛyɛ ɔhɔhoɔ ananafoɔ asase so.” Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.”

Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmammarima baanu no kaa ne ho. Wɔduruiɛ no, na Mose ne nnipa no abɔ atenaeɛ wɔ Onyankopɔn bepɔ no ho. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmammarima baanu no ka ne ho.”

Mose sɔre kɔhyiaa nʼase. Ɔkotoo no anidie mu gyee no fɛ so. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ wɔn apɔ mu te. Afei, wɔkɔɔ Mose ntomadan no mu kɔtoaa wɔn amanneɛdie so. Mose kaa nsɛm a asisie nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa deɛ Awurade ayɛ atia Farao ne Misraimfoɔ a ɔnam so agye Israelfoɔ, ayi wɔn afiri Misraim, asane ayi wɔn afiri ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no.

Yetro tee deɛ Awurade ayɛ ama Israel, ne titire no, sɛdeɛ ɔyii wɔn firii Misraim no, nʼani gyee yie. Yetro kaa sɛ, “Nhyira nka Awurade sɛ wagye mo afiri Misraimfoɔ ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. Afei, mahunu sɛ Awurade yɛ kɛse sene onyame biara, ɛfiri sɛ, wagye ne nkurɔfoɔ afiri Misraimfoɔ ahantanfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.” Yetro de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ baeɛ na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Onyankopɔn. Akyire no, Aaron ne Israel mpanimfoɔ no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreduane no wɔ Awurade anim.

Adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase firii anɔpa kɔsii anwummerɛ tiee nsɛmpɔ a asisi wɔ nnipa no mu. Mose ase no hunuu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, ɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ wo nko ara wodi dwuma kɛseɛ yi a enti nnipa gyina wo so saa ara firi anɔpa kɔsi anwummerɛ yi?”

Mose buaa sɛ, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ memmisa Onyankopɔn akwankyerɛ. Sɛ akyinnyeɛ bi ba wɔn ntam a, wɔba ma mesiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛdeɛ.”

Nʼase no kaa sɛ, “Deɛ woreyɛ no nyɛ. Worekum wo ho na sɛ wowu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo. Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wɔnni nokorɛ daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim. Sɛ wofa saa ɛkwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. Sɛ wotie afotuo no na Onyankopɔn nso pene so a, wobɛtumi agyina asɛm biara ano na asomdwoeɛ aba.”

Mose tiee nʼase afotuo no dii so pɛpɛɛpɛ. Ɔyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufoɔ—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu. Na wɔbuu ɔman no atɛn berɛ nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛseɛ no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketewa no.

Akyire no, Mose gyaa nʼase ɛkwan ma ɔkɔɔ ne kurom.

Read More of 2 Mose 18