Asomafoɔ 7:20-43 ASCB

Asomafoɔ 7:20-43

“Saa ɛberɛ yi mu na wɔwoo Mose a na ɔkura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya efie abosome mmiɛnsa, na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛeɛ mu.

“Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kumm Misraimni no. Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ. Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’

“Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ? Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’ Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu.

“Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so. Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ, ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ.

“Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron. Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’

“Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no ɛberɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wira a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ. Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan no.

“Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo mu aba mo nkyɛn. Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ ɛserɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa ɛberɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.

“Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio. Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’ Wɔyɛɛ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ. Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ,

“ ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me

mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

Saa enti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’

Read More of Asomafoɔ 7