Asomafoɔ 10:23-48, Asomafoɔ 11:1-18 ASCB

Asomafoɔ 10:23-48

Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ.

Petro Kɔ Kornelio Efie

Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ. Adeɛ kyeeɛ a ɔduruu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafoɔ ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, ɛfiri sɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”

Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte. Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim. Ɔkaa sɛ, ‘Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn’. Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”

Petro Asɛnka

Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no. Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no. Monim nsɛm a ɛsisii wɔ Yudea, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ.

“Yɛyɛ dwuma a ɔdii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no. Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi. Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.”

Amanamanmufoɔ Nya Honhom Kronkron

Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so. Ɛfiri sɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforɔ reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho.

Petro kaa sɛ, “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛdeɛ yɛn nso yɛnyaa bi no. Obi bɛtumi asi wɔn asubɔ ho ɛkwan anaa?” Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei, wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.

Read More of Asomafoɔ 10

Asomafoɔ 11:1-18

Petro Yi Ne Ho Ano

Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ, “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.”

Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ, “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho. Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa. Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’

“Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’

“Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’ Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.

“Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’

“Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”

Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”

Read More of Asomafoɔ 11