2 Samuel 1:1-27, 2 Samuel 2:1-7 ASCB

2 Samuel 1:1-27

Dawid Te Saulo Owuo

Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu. Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.

Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?”

Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.”

Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?”

Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”

Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”

Aberanteɛ no buaa sɛ, “Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo sɛ Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara. Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’

“Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’

“Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’

“Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’

“Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”

Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.

Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?”

Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.”

Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?”

Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no. Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.”

Dawid Dwom A Ɔhyehyɛ Maa Saulo Ne Yonatan

Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu.

“Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so!

Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

“Monnka asɛm yi wɔ Gat,1.20 Gat ne Askelon yɛ Filistia nkuro.

na Filistifoɔ abɔ ose!

Monnka wɔ Askelon mmɔntene so,

na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.

“Ao Gilboa mmepɔ,

mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so,

anaa wo nsianeɛ so.

Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi;

wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio.

“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ!

Wɔamfiri akono amma no nsapan.

Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn

na na Saulo ne Yonatan nni,

wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu.

Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ;

na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata.

“Ao, Israel mmaa,

monsu Saulo,

ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa,

hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.

“Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono.

Yonatan awu da mmepɔ no so.

Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan;

Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ!

Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ;

emu dɔ sene mmaa dɔ!

“Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.”

Read More of 2 Samuel 1

2 Samuel 2:1-7

Dawid Di Yuda So Ɔhene

Mmerɛ no ara mu, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Mensane nkɔ Yuda anaa?”

Awurade buaa no sɛ, “Kɔ.”

Dawid bisaa no sɛ, “Kuro bɛn na menkɔ so?”

Awurade buaa no sɛ, “Hebron.”

Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, ne ne mmarima ne wɔn fiefoɔ nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkuro so. Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene wɔ Yuda abusuakuo so.

Na ɛberɛ a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no, ɔtoo wɔn nkra sɛ, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokorɛ a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no animuonyam so. Na afei, Awurade ne mo nni no yie na ɔntua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso mɛtua mo deɛ moayɛ yi so ka. Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfoɔ nokwafoɔ sɛ Yudafoɔ a wɔasra me ngo sɛ menni wɔn so ɔhene no.”

Read More of 2 Samuel 2