2 Ahemfo 19:14-37, 2 Ahemfo 20:1-21 ASCB

2 Ahemfo 19:14-37

Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim. Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ! Tie Sanaherib nsɛm a ɔka de bu Onyankopɔn teasefoɔ no animtiaa.

Awurade, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛdeɛ nkra no ka no. Na wɔato aman yi anyame agu ogya mu, ahye wɔn. Asiriafoɔ no tumi sɛe wɔn ɛfiri sɛ na wɔnyɛ anyame koraa. Na wɔyɛ nnua ne aboɔ ahoni a nnipa de wɔn nsa ayɛ. Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne tumi ase, na ɛbɛma ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ wo nko ara, Ao Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”

Yesaia Hyɛ Yuda Gyeɛ Ho Nkɔm

Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: ‘Mate wo mpaeɛbɔ a ɛfa Asiriahene Sanaherib ho no. Yei ne asɛm a Awurade aka atia no:

“ ‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo,

na ɔsere wo.

Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,

na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.

Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?

Hwan na woama wo nne so atia no

na wohwɛɛ no ahantan so?

Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!

Wonam wʼasomafoɔ so

adi Awurade ho fɛw.

Na woaka sɛ,

“Mede me nteaseɛnam bebrebe no

adi bepɔ tentene pa ara so,

aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no.

Matwitwa ntweneduro atentene pa ara

ne ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam.

Maduru ne twetwɛwa so akyirikyiri

na manantenante ne kwaeɛbirentuo mu.

Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so

de ne nsu pa no adwodwo me ho.

Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu

sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!”

“ ‘Na Monteeɛ?

Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.

Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;

afei mama aba mu sɛ,

moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ

ma wɔdane aboɔ asie.

Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no

ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.

Wɔte sɛ afuo so nnua,

ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;

wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi

a owia tumi hye so sɛe no.

“ ‘Nanso, menim deɛ woteɛ

ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ

ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.

Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,

na mʼankasa mate no enti,

mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,

na mede nnareka ato mo ano,

na mama mo afa ɛkwan

a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’

“Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:

“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,

afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.

Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.

Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no.

Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no,

mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre.

Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,

na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.

Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.

“Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:

“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu

na ɔrento bɛmma wɔ ha.

Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi

na ɔrensi otua pie ntia no.

Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.

Awurade ka sɛ,

ɔrenwura saa kuro yi mu.

Esiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti,

mɛbɔ ho ban.”

Saa anadwo no, Awurade ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara. Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkuro Ninewe mu.

Ɛda koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmammarima Adramelek ne Sareser de wɔn akofena kɔkumm no. Wɔdwane firii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforɔ Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.

Read More of 2 Ahemfo 19

2 Ahemfo 20:1-21

Hesekia Yadeɛ Ne Nʼayaresa

Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

Na ansa na Yesaia bɛfiri adihɔ no mfimfini no, Awurade de asɛm yi bɛsii ne so sɛ, “Sane kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ: Mate wo mpaeɛbɔ no, ahunu wo nisuo no. Mɛsa wo yadeɛ, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afiri mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu. Mede mfeɛ dunum bɛka wo mfeɛ ho, na mɛgye wo ne saa kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Me ɔsomfoɔ Dawid enti, mɛyɛ yei, de agye mʼanimuonyam.’ ”

Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfoɔ no sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so.” Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden.

Ansa na ɔrebɛnya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia sɛ, “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yadeɛ, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?”

Yesaia buaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsum a ɛda sunsumma susuniwa no kɔ nʼanim anammɔntuo edu anaa ɛsane nʼakyi anammɔntuo edu?”

Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.”

Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so.

Babilonia Ananmusifoɔ

Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan20.12 Wɔde Merodak too Marduk a ɛyɛ Babilonia nyame no. soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia. Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.

Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?”

Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ.”

Yesaia bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?”

Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie saa asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn yi: Ɛberɛ bi reba a biribiara a wowɔ no, agyapadeɛ a wʼagyanom akora no nyinaa, wɔbɛtwe akɔ Babilonia a ɛrenka hwee. Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wʼankasa wʼasefoɔ bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ apiafoɔ a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfie.”

Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso, na ɔhene no redwene sɛ, “Me berɛ so deɛ ɛsɛ sɛ yɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ.”

Nsɛm a ɛsisii Hesekia ahennie mu nkaeɛ no a ne tumidie ka ho, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ subunu, twaa suka20.20 Hesekia twaa asase ase nsuka firii Asubɔnten Gihon mu, sɛdeɛ ɛba sɛ otua bi ba a, wɔbɛnya nsuo. maa nsuo baa kuro no mu no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ a Hesekia wuiɛ no, ne babarima Manase na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Read More of 2 Ahemfo 20