1 Timoteo 4:1-16 ASCB

1 Timoteo 4:1-16

Atorɔ Akyerɛkyerɛfoɔ

Honhom no si no pi sɛ, akyire yi, nnipa bi bɛgyae gyidie no mu sɔ. Wɔbɛdi atorɔ ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. Saa nkyerɛkyerɛ yi firi nyaatwomfoɔ nnaadaa a wɔyɛ adwenewuiɛfoɔ sɛ dadeɛ a wɔato wɔ ogya mu no. Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ obi ware na nnuane bi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ sɛ onipa di. Nanso, Onyankopɔn bɔɔ saa nnuane no sɛ, sɛ agyidifoɔ a wɔahunu nokorɛ no nsa ka na wɔbɔ so mpaeɛ a, wɔtumi di. Biribiara a Onyankopɔn abɔ no yɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ gu ne nyinaa so. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaeɛbɔ te ho.

Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo ɔsomfoɔ pa a wɔnam nokorɛ ne gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa so atete wo. Nsɛe wo berɛ wɔ atorɔsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden. Ɛwom sɛ honam mu mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia akwan nyinaa mu, ɛfiri sɛ, ɛhyɛ yɛn ɛnnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom na wɔgye di. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma denden, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn anidasoɔ ahyɛ Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titire wɔn a wɔgye asɛm no di no.

Yeinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wonnyiniiɛ enti ɔbɛbu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidie mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. Nya adagyeɛ kenkan Atwerɛsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Fa Wo Dom Akyɛdeɛ Som

Honhom mu akyɛdeɛ a mpanimfoɔ nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wonyaeɛ no, nnyaa mu. Sɔ saa nneɛma no mu yie. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu wo nkɔsoɔ. Hwɛ wo ho so yie na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie wo no nkwa.

Read More of 1 Timoteo 4