1 Yohane 2:12-27 ASCB

1 Yohane 2:12-27

Me mma, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, ɛsiane Kristo din enti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

Agyanom, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no.

Mmabunu, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, moadi ɔbonsam so.

Mma, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, monim Agya no.

Agyanom, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, monim deɛ ɔte ase firi ahyɛaseɛ no.

Mmabunu, meretwerɛ mo,

ɛfiri sɛ, mowɔ ahoɔden,

na Onyankopɔn asɛm no te mo mu,

na moadi ɔbonsam so.

Monnnɔ ewiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ ewiase dea. Sɛ modɔ ewiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase. Ewiase ne mu akɔnnɔdeɛ retwam, nanso deɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no tena hɔ daa.

Kristo Atamfoɔ

Me mma, awieeɛ no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo sɛ Kristo Tamfoɔ no bɛba, nanso seesei, Kristo atamfoɔ bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahunu sɛ ampa awieeɛ no abɛn. Nokorɛm, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno enti na wɔgyaa yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaeɛ. Nanso, wɔgyaa yɛn hɔ, sɛdeɛ wobɛhunu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.

Mo deɛ, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokorɛ no. Ɛnyɛ sɛ monnim nokorɛ no enti na matwerɛ saa krataa yi, na mmom, monim na monim nso sɛ, atorɔ biara mfiri nokorɛ mu mma. Afei, hwan ne ɔtorofoɔ? Ɛyɛ obi a ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo no. Yei ne Kristo ɔtamfoɔ. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. Na deɛ ɔpo Ɔba no po Agya no; deɛ ɔgye Ɔba no gye Agya no nso.

Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee ahyɛaseɛ no nsie mo akoma mu. Sɛ mode asɛm a motee ahyɛaseɛ no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no bɛnya ayɔnkofa. Na yei na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a ɛnni awieeɛ no.

Metwerɛ mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo ho. Na mo deɛ, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmerɛ dodoɔ a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforɔ bɛkyerɛkyerɛ mo. Ɛfiri sɛ, ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na deɛ ɔkyerɛ no nso yɛ nokorɛ; ɛnyɛ atorɔ. Montie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.

Read More of 1 Yohane 2