1 Berɛsosɛm 22:1-19, 1 Berɛsosɛm 23:1-32 ASCB

1 Berɛsosɛm 22:1-19

Afei, Dawid kaa sɛ, “Ɛha ne baabi a wɔbɛsi Awurade Onyankopɔn Asɔredan no ne afɔrebukyia a Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”

Asɔredan No Sie Ho Ahoboa

Ɛno enti, Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔhoɔ a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔmaa wɔtwaa aboɔ a wɔde bɛsi Onyankopɔn Asɔredan no. Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo. Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada.

Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.

Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn. Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woakunkum nnipa bebree akodie akɛseɛ a wodii no mu. Na ɛsiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim enti, ɛnyɛ wo na wobɛsi asɔredan de ahyɛ me din animuonyam. Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel. Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’

“Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade, wo Onyankopɔn, asɔredan yi. Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade, wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi. Sɛ wodi mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yie a, ɛbɛsi wo yie. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wʼakoma ntu.

“Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no sie ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 4,000, dwetɛ bɛyɛ tɔno 40,000 ne nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a wɔntumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne aboɔ a wɔde bɛyɛ afasuo no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho. Wowɔ aboɔ adansifoɔ, nnua adwumfoɔ ne nnwuma ahodoɔ mu adwumfoɔ bebree. Wɔyɛ abenfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinnie mu, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ ho adwumayɛfoɔ. Afei hyɛ adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”

Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadie no mu. Ɔkaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoeɛ aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, enti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nkoa. Afei firi wʼakoma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Onyankopɔn. Si Awurade Onyankopɔn kronkronbea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronneɛ no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din animuonyam no mu.”

Read More of 1 Berɛsosɛm 22

1 Berɛsosɛm 23:1-32

Lewifoɔ Nnwuma

Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.

Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho sɛ, wɔmmra ahensie afahyɛ no ase. Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduasa nwɔtwe. Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ. Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”

Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.

Gersonfoɔ

Gerson mmammarima ne:

Libni ne Simei.

Libni asefoɔ no mu baasa yɛ:

Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.

Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ.

Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.

Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne:

Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.

Na Yahat yɛ ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, ɛfiri sɛ, na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ.

Kohatfoɔ

Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.

Amram mmammarima yɛ:

Aaron ne Mose.

Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ sɛ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira wɔ ne din mu daa daa. Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho.

Mose mmammarima no yɛ

Gersom ne Elieser.

Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho.

Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin.

Na Rehabia mmammarima yɛ bebree.

Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho.

Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin,

Amaria a ɔdi hɔ,

Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa

ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no

ne Hebron mmammarima no.

Na Mika a ɔyɛ abusuapanin ne Yisia a ɔdi hɔ no

yɛ Usiel asefoɔ no.

Merarifoɔ

Na Mahli ne Musi yɛ

Merari mmammarima.

Mahli mmammarima ne:

Eleasa ne Kis.

(Eleasa wuiɛ a wanwo mmammarima biara, na mmom, mmammaa nko ara. Ne mmammaa no warewaree wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmammarima.)

Musi mmammarima baasa no din de:

Mahli, Eder ne Yeremot.

Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som. Na Dawid kaa sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem. Afei, ɛho nhia sɛ Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.” Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.

Na Lewifoɔ no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so wɔ Onyankopɔn efie. Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu wɔ Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata wɔ hɔ a wɔsom Awurade anim.

Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade efie.

Read More of 1 Berɛsosɛm 23