Rut 1:1-22, Rut 2:1-23 AKCB

Rut 1:1-22

Elimelek Tutu Kɔtena Moab

Bere a na atemmufo di Israel so no, ɔkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ofi Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmabarima baanu tutu fii asase no so kɔtenaa Moab. Na ɔbarima no din de Elimelek1.2 Wonyaa din Efrati fii abusua a Elimelek fi mu no. Ɛno nti, Elimelek de nʼabusua din no ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrata no (4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2). na ne yere nso din de Naomi. Ne mmabarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wu ma ɛkaa ne mmabarima baanu no. Wɔwarewaree Moabfo mmea. Na ɔbaako din de Orpa na nea ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du no, Mahlon ne Kilion nso wuwui. Enti ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmabarima baanu no ne ne kunu.

Bere a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfo a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduan no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefi Moab asan akɔ ne kurom. Ɔne ne nsenom baanu yi tutu fii beae hɔ faa kwan a ɛde wɔn bɛkɔ akosi Yuda so.

Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, “Monsan nkɔ mo nanom fi. Awurade ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no. Awurade mmoa mo mu biara na onya ɔhome wɔ okunu foforo fi.” Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui.

Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, “Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn.”

Nanso Naomi kae se, “Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ Awurade ayi ne nsa afi me so!”

Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.

Nanso Naomi ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne nkurɔfo ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”

Na Rut buae se, “Nhyɛ me sɛ mimfi wo nkyɛn nsan nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfo bɛyɛ me nkurɔfo na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. Baabi a wubewu no, mewu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owu antetew me ne wo ntam na ɛnam biribi foforo biara so a, Awurade ntwe mʼaso.” Enti Naomi huu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ogyaa ne pɛ maa no.

Ɛno nti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantu no so. Bere a woduu Betlehem no, wɔn nti kurow mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmea no bisae se, “Naomi ni ana?”

Ɔkae se, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, efisɛ Awurade ama asetena ayɛ nwen ama me. Merefi ha akɔ no na mewɔ biribiara, nanso Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi wɔ bere a Awurade ama mahu amane na Otumfo de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?”

Enti Naomi fi Moab bae a, nʼase Rut, Moabni babun ka ne ho. Woduu Betlehem atokotwa bere mfiase no mu.

Read More of Rut 1

Rut 2:1-23

Rut Di Boas Afuw Mu Mpɛpɛ

Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.

Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.”

Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.” Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu.

Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “Awurade ne mo ntena!”

Atwafo no gyee so se, “Awurade nhyira wo.”

Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?”

Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae. Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”

Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ. Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.”

Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”

Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no. Awurade, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”

Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.”

Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.”

Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo. Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan. Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.”

Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien. Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no.

Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira nea ɔboaa wo no!”

Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.”

Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.”

Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.”

Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.”

Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.

Read More of Rut 2