Romafo 2:1-16 AKCB

Romafo 2:1-16

Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa ɔkwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara ne no. Na wo, onipa, wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho a, wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn ana? Anaasɛ, ebia wummu nʼayamye, nʼabodwokyɛre ne ne boasetɔ? Wunnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so anu wo ho?

Nanso esiane wo komaden ne komapirim nti, woboaboa abufuwhyew ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuwhyew da no, da no a ɔbɛda nʼatɛntrenee adi no. Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so. Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ nhwɛanim nso wɔ nʼatemmu mu.

Wɔn a wonnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wonim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn. Ɛnyɛ mmaratiefo na wɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔyɛ osetie ma mmara no na wobebu wɔn bem. Amanamanmufo no nni mmara, nanso wofi wɔn awosu mu yɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwɔ mu sɛ wonni mmara de, nanso eyinom bɛyɛ mmara ama wɔn. Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea mmara no hwehwɛ no, wɔakyerɛw wɔ wɔn koma mu no nti, wɔn ahonim di adanse sɛ wodi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. Enti asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm ho atɛn.

Read More of Romafo 2