Romafo 15:14-33 AKCB

Romafo 15:14-33

Paulo, Amanamanmufo Sɔfo

Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti. Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho.

Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no. Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so. Mmom sɛnea wɔakyerɛw no:

“Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu,

na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.”

Eyi nti na bere biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan.

Paulo Yɛ Nʼadwene Sɛ Ɔbɛkɔ Roma

Nanso mprempren a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abehu mo no nti, mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no. Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no. Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu. Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no. Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a mɛba mo hɔ abɛsra mo. Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu. Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo. Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

Read More of Romafo 15