Romafo 10:5-21, Romafo 11:1-10 AKCB

Romafo 10:5-21

Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.” Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?” Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no. Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.” Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”

Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.”

Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?” Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee:

“Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,

na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.”

Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se,

“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu.

Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”

Na Yesaia de akokoduru ka se,

“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me;

medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.”

Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ,

“Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu

ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”

Read More of Romafo 10

Romafo 11:1-10

Israel Nkae No

Afei mibisa se, Onyankopɔn atow ne man akyene ana? Dabi da. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mifi Benyamin abusua mu. Onyankopɔn ampo ne nkurɔfo a oyii wɔn mfiase no. Munim nea Kyerɛwsɛm no ka fa Elia ho sɛnea ɔkasa tiaa Israelfo wɔ Onyankopɔn anim se, “Awurade, wɔakum wʼadiyifo na wɔadwiriw wʼafɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wokum me.” Mmuae bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kae se, “Mewɔ nnipa mpem ason a wɔnsom ɔbosom Baal.” Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a oyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛno de na adom no nyɛ adom turodoo.

Ɛno de na ɛne dɛn? Nea Israelfo tiw akyi hwehwɛe no, wɔn nsa anka, na mmom kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no de, wɔn nsa kae. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ bɔtee,

ani a ɛmma wonhu ade

aso a ɛmma wɔnte asɛm,

de besi nnɛ.”

Na Dawid ka se,

“Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri

na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!

Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade;

na wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.”

Read More of Romafo 11