Adiyisɛm 8:1-13, Adiyisɛm 9:1-12 AKCB

Adiyisɛm 8:1-13

Nsɔwano A Ɛto So Ason

Bere a Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa.

Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntorobɛnto ason.

Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre. Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ ɔsoro. Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma, tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae.

Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.

Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na mparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee, na wura amono nyinaa nso hyewee.

Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw kyenee po mu. Po no nkyɛmu abiɛsa mu baako dan mogya. Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.

Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fii ɔsoro bɛhwee nsu nkyɛmu abiɛsa mu baako mu. Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.

Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛmu abiɛsa mu baako, ne ɔsram nkyɛmu abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu abiɛsa mu baako sen ma no duruu sum, enti adekyee mu nkyɛmu abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.

Na merehwɛ no, metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim teɛ mu se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.”

Read More of Adiyisɛm 8

Adiyisɛm 9:1-12

Torobɛnto A Ɛto So Anum

Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. Nsoromma no buee bun no, na wusiw kumɔnn fii mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre. Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn. Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de. Saa asram anum no mu no, saa nnipa no bɛhwehwɛ owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn.

Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. Wɔn ti nwi te sɛ mmea ti nwi, na wɔn se nso te sɛ gyata se. Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. Bɔre wɔwɔ wɔn dua ano te sɛ akekantwɛre de. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa asram anum no. Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” na Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion” (a ɛkyerɛ Ɔsɛefo).

Ɔhaw baako atwa mu. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba.

Read More of Adiyisɛm 9