Nnwom 89:19-29 AKCB

Nnwom 89:19-29

Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu,

kyerɛɛ wʼahotefo se,

“Madom ɔkofo bi ahoɔden;

mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu.

Mahu Dawid, me somfo;

mede me ngo kronkron no asra no.

Me nsa bɛwowaw no;

ampa ara me basa bɛhyɛ no den.

Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow;

omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so.

Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanim

na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam.

Me nokware adɔe bɛka ne ho,

na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so,

na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so.

Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya,

me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’

Mɛyɛ no mʼabakan,

asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse.

Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa,

na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.

Mɛma nʼase atim afebɔɔ,

nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu.

Read More of Nnwom 89