Nnwom 88:1-9 AKCB

Nnwom 88:1-9

Dwom 88

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn

misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.

Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;

brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

Ɔhaw ahyɛ me kra ma

na me nkwa rebɛn owu.

Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;

mete sɛ obi a onni ahoɔden.

Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,

te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,

wɔn a wonkae wɔn bio,

na wonhwɛ wɔn bio.

Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,

wɔ sum kabii mu.

Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;

woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn

woama me ho ayɛ wɔn ahi.

Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;

awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu.

Awurade misu frɛ wo da biara;

metrɛw me nsam kyerɛ wo.

Read More of Nnwom 88