Nnwom 86:1-10 AKCB

Nnwom 86:1-10

Dwom 86

Dawid mpaebɔ.

Awurade, tie me na gye me so,

efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.

Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo.

Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a

ɔde ne ho to wo so.

Awurade, hu me mmɔbɔ,

na misu frɛ wo daa nyinaa.

Ma wʼakoa ani nnye,

na wo Awurade, wo nkyɛn

na mema me kra so ba.

Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ,

wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.

Awurade, tie me mpaebɔ;

tie me mmɔborɔsu.

Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,

na wubegye me so.

Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;

na wɔn nnwuma biara nto wo de.

Awurade, aman a woakyekyere nyinaa

bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;

wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.

Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma;

wo nko ara ne Onyankopɔn.

Read More of Nnwom 86