Nnwom 81:8-16 AKCB

Nnwom 81:8-16

“Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi,

Israel, sɛ mubetie me a!

Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu;

ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame.

Mene Awurade, mo Nyankopɔn a

miyii mo fii Misraim asase so no.

Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

“Nanso me nkurɔfo rentie me;

Israel remmrɛ ne ho ase mma me.

Enti migyaa wɔn maa wɔn komaden

sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara.

“Sɛ me nkurɔfo tie me,

na Israel nantew mʼakwan so a,

anka medi wɔn atamfo so ama wɔn ntɛm

na mama me basa so atia wɔn a wokyi wɔn!

Wɔn a wɔtan Awurade no de osuro bɛkotow no,

na wɔn asotwe to rentwa da.

Nanso wɔde atoko mu atoko papa bɛma mo adi;

mede ɔbotan mu wo bɛma mo amee.”

Read More of Nnwom 81