Nnwom 80:8-19 AKCB

Nnwom 80:8-19

Wutuu bobe fi Misraim beduae;

wopam amanaman no na wuduae.

Wosiesiee asase no baabi maa no,

egyee ntin na ɛtrɛw asase no so.

Ne nwini kataa mmepɔw no so

ne mman kataa sida akɛse no so.

Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so,

na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho.

Adɛn nti na woabubu nʼafasu

ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no?

Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa

na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan.

Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn!

fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu!

Hwɛ saa bobe yi so,

ntin a wo nsa nifa adua no,

ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no.

Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew;

wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre.

Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,

onipa ba a woatetew no ama wo ho no.

Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn;

kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.

Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio,

na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.

Read More of Nnwom 80