Nnwom 8:1-9 AKCB

Nnwom 8:1-9

Dwom 8

Dawid dwom.

Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.

Wode wʼanuonyam

atimtim ɔsoro nohɔ,

mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano

kamfo wo, wʼatamfo nti;

na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsram ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

onipa ne hena a wokae no,

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo

na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.

Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma

wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

nguankuw ne anantwikuw nyinaa

ne wuram mmoa nso,

wim nnomaa

ne po mu mpataa,

nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.

Awurade, yɛn Awurade,

wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!

Read More of Nnwom 8