Nnwom 77:10-20 AKCB

Nnwom 77:10-20

Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ:

mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.”

Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;

yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.

Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho

na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.

Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron.

Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn?

Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade;

wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.

Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo,

Yakob ne Yosef asefo no.

Onyankopɔn, nsu no huu wo,

nsu no huu wo na wɔpopoe;

bun no mpo ho wosowee.

Omununkum tɔɔ nsu,

aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro;

na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba.

Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu,

wʼanyinam hyerɛn wiase;

asase popoe, na ɛwosowee.

Wode wo kwan faa po mu,

wode faa nsu kɛse mu,

nanso wɔanhu wʼanammɔn.

Wonam Mose ne Aaron abasa so,

dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw.

Read More of Nnwom 77