Nnwom 7:10-17 AKCB

Nnwom 7:10-17

Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn

nea ogye koma mu treneeni no.

Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni,

Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.

Sɛ wansesa nʼadwene a,

ɔbɛsew nʼafoa ano;

obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.

Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu;

ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.

Nea onyinsɛn amumɔyɛ

na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.

Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte no

hwe tokuru a watu no mu.

Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so;

ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.

Mede aseda bɛma Awurade,

ne trenee nti,

na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.

Read More of Nnwom 7