Nnwom 68:7-14 AKCB

Nnwom 68:7-14

Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim,

bere a wode wɔn faa sare so no,

asase wosowee,

na ɔsoro tuee osu guu fam,

wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn,

Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim.

Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn,

guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.

Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so,

Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo.

Awurade kaa asɛm no,

na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae;

“Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so;

mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade.

Mpo bere a woda nguanban mu no,

wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho,

de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.”

Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no,

na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so.

Read More of Nnwom 68