Nnwom 60:1-4 AKCB

Nnwom 60:1-4

Dwom 60

Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no.

Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu;

wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!

Woawosow asase no na woapae mu;

toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.

Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne;

woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.

Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so

sɛ wontu ntia agyan no.

Read More of Nnwom 60