Nnwom 58:1-11 AKCB

Nnwom 58:1-11

Dwom 58

Dawid “miktam” dwom.

So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana?

Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?

Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu

na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu;

wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.

Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de,

ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,

a ɔnte ntafowayifo dwom,

na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.

Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom,

Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!

Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan;

sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no.

Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.

Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw,

sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.

Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye,

na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.

Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua;

na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.”

Read More of Nnwom 58