Nnwom 55:12-23 AKCB

Nnwom 55:12-23

Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a,

anka metumi agyina ano;

sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a,

anka metumi de me ho ahintaw no.

Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me,

me yɔnko, mʼadamfo kann,

a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den

bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.

Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim;

ma wɔnkɔ ɔda mu anikann,

efisɛ bɔne te wɔn mu.

Nanso misu frɛ Onyankopɔn,

na Awurade gye me nkwa.

Anwummere, anɔpa ne awia,

mede mmɔborɔnne su frɛ no,

na ɔte me nne.

Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu

wɔ ako a wodi tia me no mu,

mpo dodow na wɔsɔre tia me.

Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no,

ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn,

ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da

na wonsuro Onyankopɔn nso.

Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so;

na obu nʼapam so.

Ɔwɔ tɛkrɛmawo,

nanso ɔtan wɔ ne koma mu.

Nʼano asɛm dwudwo sen ngo,

nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.

Fa wo haw to Awurade so

na ɔno na obegye wo;

ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.

Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase

ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu;

mogyapɛfo ne nnaadaafo

renni wɔn nkwanna mu fa.

Nanso me de, mede me ho to wo so.

Read More of Nnwom 55