Nnwom 54:1-7 AKCB

Nnwom 54:1-7

Dwom 54

Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.”

Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;

fa wo tumi bu me bem.

Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;

tie mʼanom nsɛm.

Ahɔho retow ahyɛ me so.

Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me;

nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo;

Awurade ne me hwɛfo.

Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so;

wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.

Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo;

Awurade, meyi wo din ayɛ,

efisɛ eye.

Woagye me afi me haw nyinaa mu,

na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.

Read More of Nnwom 54