Nnwom 51:10-19 AKCB

Nnwom 51:10-19

Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu,

na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.

Mpam me mfi wʼanim,

na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.

Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio,

na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.

Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan,

na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn.

Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu.

Onyame a wugye me nkwa,

na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom.

Awurade, bue mʼano fafa,

na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi.

Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;

wʼani nnye ɔhyew afɔre ho.

Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow,

Onyankopɔn,

worempo ahonu ne ahobrɛase koma.

Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu;

na woasi Yerusalem afasu.

Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho,

ɔhyew afɔre a edi mu;

na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so.

Read More of Nnwom 51