Nnwom 45:10-17 AKCB

Nnwom 45:10-17

Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie;

ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.

Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;

di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.

Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba;

mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo

wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.

Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene;

ne mfɛfo mmabun di nʼakyi

na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu;

wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.

Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu

wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;

ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.

Read More of Nnwom 45