Nnwom 44:1-12 AKCB

Nnwom 44:1-12

Dwom 44

Koramma “maskil” dwom.

Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;

yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;

nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so,

wɔ tete mmere no mu.

Wode wo nsa pam amanaman no

na wobɔɔ yɛn agyanom atenase;

wodwerɛw nnipa no

na womaa yɛn agyanom dii yiye.

Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no,

na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi;

ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,

ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.

Woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn,

nea ɔhyɛ nkonimdi ma Yakob.

Ɛnam wo so na yɛpam yɛn Atamfo;

wo din mu na yetiatia wɔn a wokyi yɛn no so.

Memmfa me ho nto mʼagyan so,

mʼafoa remfa nkonimdi mmrɛ me;

na wo na woma yedi yɛn atamfo so

wugu wɔn a wɔtan yɛn no anim ase.

Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa,

na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.

Nanso mprempren woapo yɛn abrɛ yɛn ase;

wone yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio.

Woma yeguan fii dɔm anim,

ma yɛn atamfo fom yɛn agyapade.

Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan

na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.

Wotɔn wo nkurɔfo fofoofow,

na woannya mfaso biara amfi mu.

Read More of Nnwom 44