Nnwom 34:1-10 AKCB

Nnwom 34:1-10

Dwom 34

Dawid dwom a ɔtoo bere a ɔboapa dan ɔbɔdamfo wɔ Abimelek anim no na ɔpanyin no gyaa no ma ɔkɔe no akyi.

Mede aseda bɛma Awurade bere nyinaa;

nʼayeyi wɔ mʼanom daa.

Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;

ma amanehunufo nte na wonni ahurusi.

Mo ne me nkamfo Awurade;

momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!

Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so;

na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.

Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn

na wɔn anim rengu ase da.

Ohiani yi frɛe, na Awurade tiee no;

na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu.

Awurade bɔfo wɛn wɔn a wosuro no,

na ogye wɔn.

Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade ye.

Nhyira ne onipa a oguan toa no.

Munsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefo,

na wɔn a wosuro no no nhia hwee.

Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, ade pa biara remmɔ wɔn.

Read More of Nnwom 34