Nnwom 33:12-22 AKCB

Nnwom 33:12-22

Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade,

nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.

Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.

Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma,

na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.

Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no;

ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.

Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu;

nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so,

wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

sɛ obegye wɔn afi owu mu

na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.

Yɛde anidaso twɛn Awurade;

ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.

Ne mu na yɛn koma di ahurusi,

efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade,

sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.

Read More of Nnwom 33