Nnwom 31:9-18 AKCB

Nnwom 31:9-18

Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ me ho yeraw me;

awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu

ɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw.

Ɔyawdi retew me nkwa so,

na abooboo tew me mfe so;

ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam,

na me nnompe nso ahodwow.

Mʼatamfo nyinaa nti,

mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;

nnipa a wonim me suro me,

na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.

Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu;

mayɛ sɛ kuku a abɔ.

Mete asomsɛm dodow a wɔka

ahunahuna atwa me ho ahyia.

Wɔrepam me ti so,

na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me.

Nanso mede me ho ato wo so, Awurade;

meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.”

Me mmere wɔ wo nsam

gye me fi mʼatamfo

ne wɔn a wɔtaa me no nsam.

Tew wʼanim kyerɛ wo somfo;

gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu.

Mma mʼanim ngu ase, Awurade,

efisɛ masu afrɛ wo;

mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu ase

na wɔnna wɔn nna mu komm.

Mua atorofo ano,

efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabu

kasa tia atreneefo.

Read More of Nnwom 31