Nnwom 23:1-6 AKCB

Nnwom 23:1-6

Dwom 23

Dawid dwom.

Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.

Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea;

ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,

odwudwo me kra.

Ɔde me fa akwantrenee so,

ne din nti.

Sɛ menam

owu sum kabii mu mpo a,

minsuro bɔne bi,

efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;

wʼabaa ne wo pema

na ɛkyekye me werɛ.

Woto me pon wɔ

mʼatamfo anim.

Wode ngo fɔw me tirim;

me kuruwa yɛ ma bu so.

Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi

me nkwanna nyinaa;

na mɛtena Awurade fi

daa.

Read More of Nnwom 23