Nnwom 21:8-13 AKCB

Nnwom 21:8-13

Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa;

wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.

Bere a wubeyi wo ho adi no

wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ.

Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn,

na ne gya no ahyew wɔn.

Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,

na wɔn asefo afi adesamma mu.

Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo

na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi

bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.

Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;

yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.

Read More of Nnwom 21