Nnwom 19:7-14 AKCB

Nnwom 19:7-14

Awurade mmara yɛ pɛ,

ɛkanyan ɔkra no.

Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,

ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.

Awurade ahyɛde teɛ;

ɛma koma mu anigye.

Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;

na ebue ani.

Awurade suro yɛ kronkron,

ɛte hɔ daa.

Awurade mmara nsɛm yɛ nokware

na ne nyinaa teɛ.

Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ

ɛsen sikakɔkɔɔ kann;

ɛyɛ dɛ sen ɛwo,

ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.

Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se,

sodi so akatua yɛ bebree.

Hena na ohu nʼankasa mfomso?

Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.

Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho,

na anhyɛ me so.

Ɛno na ɛbɛma madi bem,

a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.

Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene

nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade

me Botan ne me Gyefo.

Read More of Nnwom 19