Nnwom 18:37-42 AKCB

Nnwom 18:37-42

Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn;

mansan mʼakyi kosii sɛ mesɛee wɔn.

Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre,

wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.

Wode akodi ahoɔden maa me;

womaa mʼatamfo bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.

Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee,

na mesɛe wɔn a wɔtan me.

Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn,

wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.

Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu;

mihwiee wɔn guu sɛ mmɔnten so dontori.

Read More of Nnwom 18