Nnwom 17:6-12 AKCB

Nnwom 17:6-12

Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn

na wubegye me so;

yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.

Da wo dɔ nwonwaso no adi;

wo a wode wo nsa nifa

gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa

fi wɔn atamfo nsam no.

Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;

fa me sie wo ntaban nwini no ase,

fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam,

mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.

Wopirim wɔn koma,

na wɔkasa ahantan so.

Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;

wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no,

te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.

Read More of Nnwom 17