Nnwom 147:1-11 AKCB

Nnwom 147:1-11

Dwom 147

Monkamfo Awurade.

Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn,

ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!

Awurade kyekyere Yerusalem;

Ɔboaboa Israel nnommum ano.

Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,

na ɔkyekyere wɔn akuru.

Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ,

na ɔde obiara din frɛ no.

Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse;

yɛrente nʼase nwie.

Awurade wowaw ahobrɛasefo

na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.

Monto aseda nnwom mma Awurade.

Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.

Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;

ɔma asase osu

ma sare nyin wɔ nkoko so.

Ɔma anantwi aduan,

na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.

Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ

na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no,

wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.

Read More of Nnwom 147