Nnwom 145:13-21 AKCB

Nnwom 145:13-21

Wʼahenni yɛ daa ahenni,

na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,

na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.

Wubue wo nsam,

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.

Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.

Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.

Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;

otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.

Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,

nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Read More of Nnwom 145