Nnwom 140:6-13 AKCB

Nnwom 140:6-13

Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.”

Awurade, tie me mmɔborɔsu.

Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,

wokata me ti so wɔ ɔko da,

nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;

mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.

Wɔatwa me ho ahyia,

nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

Ma nnyansramma ngu wɔn so;

ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,

ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.

Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;

ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.

Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee

na odi onnibi asɛm ma no.

Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din

na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.

Read More of Nnwom 140