Nnwom 139:17-24 AKCB

Nnwom 139:17-24

Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me!

woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo!

Sɛ mise mɛkan a,

ne dodow bɛboro mpoano nwea,

sɛ minyan a,

me ne wo wɔ hɔ ara.

Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ!

Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!

Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;

wʼatamfo mmmɔ wo din pa.

Awurade, metan wɔn a wɔtan wo,

na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?

Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;

mefa wɔn sɛ mʼatamfo.

Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma;

sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.

Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,

na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.

Read More of Nnwom 139