Nnwom 135:1-12 AKCB

Nnwom 135:1-12

Dwom 135

Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade din;

monkamfo no, mo Awurade asomfo,

mo a mosom wɔ Awurade fi,

wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.

Monkamfo Awurade efisɛ oye;

monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.

Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de,

wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.

Minim sɛ Awurade so;

Ɔso sen anyame nyinaa.

Awurade yɛ nea ɔpɛ biara

wɔ ɔsoro ne asase so,

po ne mu bun nyinaa.

Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba;

ɔsoma anyinam ka osu ho

na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.

Okum Misraim mmakan,

nnipa ne mmoa mmakan.

Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim,

de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.

Ɔsɛee amanaman pii,

na okunkum ahemfo akɛse,

Amorifo hene, Sihon

Basan hene, Og

ne Kanaan ahemfo nyinaa,

na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade

ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.

Read More of Nnwom 135