Nnwom 134:1-3 AKCB

Nnwom 134:1-3

Dwom 134

Ɔsoroforo dwom.

Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade,

mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.

Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ

na monkamfo Awurade.

Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no,

mfi Sion nhyira mo.

Read More of Nnwom 134