Nnwom 126:1-6 AKCB

Nnwom 126:1-6

Dwom 126

Ɔsoroforo dwom.

Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no,

yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.

Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,

anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.

Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se,

Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”

Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn,

na anigye ahyɛ yɛn ma.

Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn,

te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.

Wɔn a wodua no nusu mu no

de anigye nnwom betwa.

Wɔn a wɔde osu fi adi

so aba a wɔrekodua no,

de anigye nnwom bɛsan aba

a wɔsoso nnɔbae afiafi.

Read More of Nnwom 126