Nnwom 119:81-88 AKCB

Nnwom 119:81-88

Ogye Mpaebɔ

Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti,

nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;

meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”

Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de,

nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no.

Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn?

Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?

Ahantanfo atu amoa de asum me afiri,

a ɛne wo mmara bɔ abira.

Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso;

boa me, efisɛ nnipa taa me kwa.

Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so,

nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi.

Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te,

na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so.

Read More of Nnwom 119