Nnwom 119:73-80 AKCB

Nnwom 119:73-80

Nokware A Ɛwɔ Awurade Mmara Mu

Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me;

ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm.

Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye,

efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu.

Awurade, minim sɛnea wo mmara te,

na nokwaredi mu na woatwe mʼaso.

Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ

sɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no.

Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa,

efisɛ mʼani ka wo mmara ho.

Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti

nanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho.

Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn,

wɔn a wɔte wo mmara ase no.

Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho,

na mʼanim angu ase.

Read More of Nnwom 119