Nnwom 119:49-56 AKCB

Nnwom 119:49-56

Awurade Mmara No Mu Ahotoso

Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo,

efisɛ woama me anidaso.

Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:

Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.

Ahantanfo bu me animtiaa bebree,

nanso mennan mfi wo mmara ho.

Awurade mekae wo tete mmara no,

na minya awerɛkyekye wɔ mu.

Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo

a wɔapo wo mmara nti.

Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban

wɔ baabiara a mesoɛ.

Awurade, anadwo mekae wo din,

na medi wo mmara so.

Eyi ne ade a meyɛ da biara,

midi wo nkyerɛkyerɛ so.

Read More of Nnwom 119