Nnwom 119:41-48 AKCB

Nnwom 119:41-48

Awurade Mmara Mu Ahotoso

Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,

wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te.

Afei mebua nea oyi me ahi no,

efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso.

Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom,

efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu.

Medi wo mmara so bere biara

akosi daa apem.

Mede ahofadi bɛnantew,

efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.

Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim

na wɔrengu mʼanim ase,

efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho,

na medɔ no.

Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no,

na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho.

Read More of Nnwom 119